Revelation of John 6

Nsɔwano

1Afei mihui sɛ Oguammaa no abue nsɔwano ason no mu nea edi kan ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ apranaa reka se, “Bra!”

2Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kita agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔe sɛ nkonimdifo kodii nkonim.

3Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!”

4Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Wɔmaa nea ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no nkrante kɛse bi.

5Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kita nsania abien. 6Metee biribi te sɛ nne bi fi ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukora yɛ da koro akatua, ɛnna aburow susukora abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso, nsɛe ngo no ne nsa no!”

7Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so anan no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” 8Mehwɛe na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din Owu a Asaman di akyiri pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛm anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkum wɔn.

9Afei Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidi dii adanse no akra wɔ. 10Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfoɔ Awurade, ɔkronkronni ne nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na woabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn na woatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?” 11Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra kosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.

12Na mihui sɛ Oguammaa no buee nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den bae maa owia yɛɛ tumm sɛ tuntum, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13Na nsoromma tetew fi soro bɛhwee asase so te sɛ nea mframa a ano yɛ den bɔ akutu bun ma ɛtew gu fam pɛ. 14Ɔsoro yerae te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw, ne nsupɔw fii wɔn atenae. 15Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. 16Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani nhu yɛn na yemfi Oguammaa no abufuw ano. 17Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”

Copyright information for TwiNAK